Jeremiah 26

Owu Hunahuna Yeremia

1Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedi mfiase mfe no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn bae: 2“Sɛɛ na Awurade se: Gyina Awurade fi mu adiwo hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wofi Yuda nkurow mu bɛsom wɔ Awurade fi mu nyinaa. Ka nea mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nyi asɛm biara mfi mu. 3Ebia wobetie, na wɔn mu biara asan afi nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne nti mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. 4Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, 5na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfo adiyifo a mesoma wɔn mo nkyɛn bere biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo munntiee wɔn), 6ɛno de, mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnome wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ”

7Asɔfo, adiyifo ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade fi hɔ. 8Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfo no, adiyifo ne nnipa no nyinaa tow hyɛɛ ne so kae se, “Ɛsɛ sɛ wuwu! 9Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu se, ofi yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena mu ana?” Na nnipa no nyinaa betwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Awurade fi hɔ.

10Bere a Yuda adwumayɛfo tee saa nsɛm yi no, wofii ahemfi hɔ foro kɔɔ Awurade fi kɔtenaa ofi no Pon Foforo no ano. 11Na asɔfo no ne adiyifo no ka kyerɛɛ adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”

12Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfo ne nnipa no nyinaa anim se, “Awurade somaa me se, memmɛhyɛ nkɔm ntia ofi yi ne kuropɔn yi sɛnea moate no nyinaa. 13Na afei monteɛteɛ mo akwan ne mo nneyɛe, na monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14Me de, mewɔ mo nsam; mubetumi ayɛ me sɛnea eye na ɛteɛ wɔ mo ani so. 15Nanso monkae se, sɛ mukum me a, moahwie mogya a edi bem agu, na so afɔdi bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu no so; na nokware Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo asom.”

16Na adwumayɛfo no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo no ne adiyifo no se, “Ɛnsɛ sɛ wobu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn din mu.”

17Na asase no so mpanyimfo no mu bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ bagua no nyinaa se, 18“Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yudahene Hesekia bere so ka kyerɛɛ Yudafo nyinaa se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: “ ‘Wobefuntum Sion te sɛ afuw.
Na Yerusalem bɛyɛ mmubui
na asɔredan no koko bɛyɛ sɛ nkɔ a nkyɛkyerɛ afuw wɔ so.’ 

19Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kum no ana? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ obeyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfi wɔn so ana? Yɛreyɛ de amanehunu kɛse aba yɛn ankasa so!”

20(Semaia babarima Uria a, ofi Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforo a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm koro yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛnea Yeremia yɛe no. 21Bere a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanyimfo ne nʼadwumayɛfo nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ okum no, nanso Uria tee no, ɔde ehu guan kɔɔ Misraim. 22Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23Wɔde Uria fii Misraim bae, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde afoa kum no na wɔtow ne funu kyenee kwasafo asiei.)

24Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔamfa no amma dɔm no sɛ wonkum no.
Copyright information for TwiAKNA